Psalms 64

Dawid dwom.


1 Me Nyankopɔn, tie me, bere a mereka me haw;
bɔ me kra ho ban fi ɔtamfo ahunahuna ho.

2 Fa me sie fi amumɔyɛfo agyinatu ho,
ne nnebɔneyɛfo pɔwbɔ ho.


3 Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ afoa
na wɔde atirimɔden nsɛm sɔn sɛ mmɛmma werɛmfo.

4 Wofi ahintawee mu, tow bɔ onipa a ne ho nni asɛm;
wɔtow bɔ no mpofirim a wonsuro.


5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nhyehyɛe ho,
wɔka sɛnea wobesum wɔn mfiri asie;
wɔka se, “Hena na obehu yɛn?”

6 Wɔbɔ ntɛnkyew ho pɔw na wɔka se,
“Yɛayɛ nhyehyɛe a ɛso nni koraa!”
Ampa ara onipa koma ne nʼadwene yɛ anifere.


7 Nanso Onyankopɔn bɛto bɛmma abɔ wɔn;
na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.

8 Ɔbɛdan wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn
na ɔde wɔn aba ɔsɛe mu;
na wɔn a wobehu wɔn nyinaa de animka bɛbɔ wɔn ti nko.


9 Adesamma nyinaa besuro;
wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma
na wɔasusuw nea wayɛ ho.

Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu
na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu;
ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ!

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

10
Copyright information for TwiAKNA